Jump to content

Acanthospermum hispidum

Ɛfi Wikipedia
Acanthospermum hispidum
taxon
short nameA. hispidum Sesa
taxon nameAcanthospermum hispidum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonAcanthospermum Sesa
taxon common namehispid starbur, 刺苞果, 刺苞果 Sesa
NatureServe conservation statussecure Sesa
invasive toIndonesia Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=1077 Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Acanthospermum hispidum yɛ afifideɛ a wɔfrɛ no Sraha nkaseɛ wɔ Asante kasa mu[1]. Wɔ Akuapem kasa mu no wɔde edin Sahara nsɔe[2] na enim saa afifideɛ yi. Saa afifideɛ yi wɔ Asteraceae afifideɛ abusua no mu. Afifideɛ kuo a ɔdɔm ne Acanthospermum afifideɛ kuo no na abɔdeɛ nyinaa mu no ɔka Planta kuo no ho[3]. Wɔ Brɔfo kasa mu no wɔtaa frɛ no bristly starbur, goat's head, hispid starburr ne starbur.

Mmeaeɛ a Enyin Wɔ[sesa]

Ɛdin Acanthospermum no, wɔnya firii Greek nsɛmfua akantha a ɛkyerɛ nkasɛɛ ne sperma a ɛkyerɛ aba mu. Hispidum yɛ Latin asɛmfua a n'asekyerɛ ne nkasɛɛnkasɛɛ[4].

Saa affifdeɛ yi, ato apete amantam ahodoɔ bi te sɛ Eurasia mantam (Europe ne Asia mantam a wɔaka abom)[5], Afrika mantam[6], Amerika ne Australia mantam mu.[7] Na wɔ Australia Atɔeɛ mantam mu no, wɔbu no sɛ affideɛ a ɛyɛ nwura[8].

Deɛ ɛma no da nsow ne nhwini a ɛwɔ ne ho, n'ahaban ne nnuaba a ɛso a ne su a ayɛ sɛ nsrommma nterantera. Ne nhwiren kɔla taa yɛ ahabammono na akokɔ sradeɛ.

Na wokɔ India nso a, wobɛhunu sɛ ɛtaa fifi wɔ akwantepɔn nkyɛn ne baabi a nsuo taataa[9].

Nea Yɛde Afifideɛ Yi Yɛ[sesa]

Wɔ Akan man mu no wɔtaa di afifideɛ yi sa yareɛ. Wɔtaa di dua mu no nyinaa sa ahoɔhyeɛ, atiridii ne yafunu yareɛ[2][1].

Brasil no, wɔbu no sɛ nnwura wɔ beaɛ a wodua asaawa. Yareɛ ahodoɔ a wɔde sa nso bi ne tipaeɛ, ayamtim, ɛtwerɛ, nyarewa a mmoawamoawa de ba te sɛ nsamanwa ne deɛ ɛkeka ho[10].

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2024-06-12, retrieved 2024-06-13{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. 2.0 2.1 https://www.researchgate.net/publication/282217624_Medicinal_plants_of_Ghana
  3. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf
  4. Acanthospermum hispidum http://publish.plantnetproject.org/project/plantinvasivekruger/collection/collection/synthese/details/ACNHI#:~:text=Acanthospermum%20hispidum%20is%20an%20upright,to%20lobed%20on%20the%20margins.
  5. "刺苞果 ci bao guo Acanthospermum hispidum". Flora of China. Vol. 20–21. p. 865.
  6. Wild, H (1967). "The Compositae of the Flora Zambesiaca area, 1". Kirkia. 6 (1): 1–62.
  7. "Acanthospermum hispidum de Candolle". Flora of North America. Vol. 21. p. 37.
  8. "Australian Weed Profile: Acanthospermum hispidum". profiles.ala.org.au. Retrieved 2020-07-31.
  9. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf
  10. Phytopharmacological review on Acanthospermum Hispidum https://www.japsonline.com/admin/php/uploads/360_pdf.pdf